Verse 1:
Mewɔ ayeyie bi a mede bɛma no
Ɛnaase nnwom na me deɛ mɛto ama no oo
Deɛ Awurade ayɛ yi ebi nsii da oo
Yee aso ntee da
Nea Awurade ayɛ yi ani nhuu da oo
Na ano bɛyɛ dɛn na aka
Chorus:
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ na, wɔmfa ma no
Deɛ Awurade ayɛ yi aseda sɛ na wɔmfa ma no,
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ na, wɔmfa ma no
wɔmfa ma no wɔmfa ma no wɔmfa ma no
Verse 2:
Ayeyi nka asafo Awurade
Nnaase nka ne din daa
Firi sɛ matamfo nyinaa asan wɔn akyi
Watotɔ, wadwane, wayera koraa
Watena atɛnmu dwaso abu atɛntenee
Wadi masem abu me bem
Wateatea amanaman, wasei abɔnefoɔ n, hwɛ!
Wapepa wɔn din korakoraa
Ɔde basa a emu yɛ den
Ahwim me afiri abusua bɔne mu a,
Mɛse no sɛn nie,
Awurade fata ayeyi oo
Chorus:
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ na, wɔmfa ma no
Deɛ Awurade ayɛ yi aseda sɛ na wɔmfa ma no,
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ na, wɔmfa ma no
wɔmfa ma no wɔmfa ma no wɔmfa ma no
Hook:
Wayɛ ne nyinaa ama me oo
Waka ama me oo
Nea mani nda so mpo na wayɛ yi
Ah! Wabubu me ho mpokyerɛ nyinaa
Wama made me ho a,
Ayeyi nnwom a na mɛto,
Mɛto, mɛto ama no oo